Amos 3:10
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Wɔnnim sɛdeɛ wɔyɛ deɛ ɛyɛ,” sɛdeɛ Awurade seɛ nie. Wɔde nneɛma a wɔafo ne deɛ wɔawia sie wɔ wɔn aban mu.
Amos 3:10 in English
Amos 3:10 · Berean Standard Bible
“For they know not how to do right,” declares the LORD. “They store up violence and destruction in their citadels.”
Context
8Gyata no abobom,
hwan na ɔnnsuro?
Otumfoɔ Awurade akasa,
hwan na ɔrenhyɛ ho nkɔm? 9Mompae mu nka nkyerɛ Asdod aban
ne Misraim aban:
“Mommoaboa mo ho ano wɔ Samaria mmepɔ so;
hwɛ basabasayɛ a ɛwɔ ne so
ne nhyɛsoɔ a ɛwɔ ne nkurɔfoɔ mu.” 10“Wɔnnim sɛdeɛ wɔyɛ deɛ ɛyɛ,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Wɔde nneɛma a wɔafo ne deɛ wɔawia
sie wɔ wɔn aban mu. 11Ɛno enti, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ,
“Ɔtamfoɔ bi bɛtwi afa asase no so;
Ɔbɛbubu wʼabanbɔeɛ agu,
na wafo wʼaban.” 12Deɛ Awurade seɛ nie:
“Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ gye
nnyawa mmienu nnompe anaa aso sin
firi gyata anom no,
saa ara na wɔbɛgye Israelfoɔ nkwa,
wɔn a wɔtete wɔn mpa twea so wɔ Samaria,
ne wɔn a wɔdeda nkonwa pa mu wɔ Damasko.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.