Amos 3:12
Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Deɛ Awurade seɛ nie: “Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ gye nnyawa mmienu nnompe anaa aso sin firi gyata anom no, saa ara na wɔbɛgye Israelfoɔ nkwa, wɔn a wɔtete wɔn mpa twea so wɔ Samaria, ne wɔn a wɔdeda nkonwa pa mu wɔ Damasko.”
Amos 3:12 in English
Amos 3:12 · Berean Standard Bible
This is what the LORD says: “As the shepherd snatches from the mouth of the lion two legs or a piece of an ear, so the Israelites dwelling in Samaria will be rescued having just the corner of a bed or the cushion of a couch.*
Context
10“Wɔnnim sɛdeɛ wɔyɛ deɛ ɛyɛ,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Wɔde nneɛma a wɔafo ne deɛ wɔawia
sie wɔ wɔn aban mu. 11Ɛno enti, yei ne deɛ Otumfoɔ Awurade seɛ,
“Ɔtamfoɔ bi bɛtwi afa asase no so;
Ɔbɛbubu wʼabanbɔeɛ agu,
na wafo wʼaban.” 12Deɛ Awurade seɛ nie:
“Sɛdeɛ odwanhwɛfoɔ gye
nnyawa mmienu nnompe anaa aso sin
firi gyata anom no,
saa ara na wɔbɛgye Israelfoɔ nkwa,
wɔn a wɔtete wɔn mpa twea so wɔ Samaria,
ne wɔn a wɔdeda nkonwa pa mu wɔ Damasko.” 13“Tie yei, na di adanseɛ tia Yakob efie,” sɛdeɛ Awurade, Asafo Awurade Onyankopɔn seɛ nie. 14“Ɛda a mɛtwe Israel aso wɔ ne nnebɔne ho no,
mɛsɛe afɔrebukyia a ɛwɔ Bet-El;
wɔbɛtwitwa afɔrebukyia no mmɛn
na abu ahwe fam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.