Asomafoɔ 26:27
Acts 26:27 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔhene Agripa, wogye adiyifoɔ no di anaa? Menim sɛ wogye wɔn di.”
Acts 26:27 in English
Acts 26:27 · Berean Standard Bible
King Agrippa, do you believe the prophets? I know you do.”
Context
25Nanso, Paulo buaa sɛ, “Daasebrɛ, memmɔɔ dam. Nsɛm a mereka no yɛ nokorɛ a aba wɔ mu. 26Ɔhene Agripa, ɛsiane sɛ wonim saa nsɛm yi nyinaa enti, mɛtumi magyina wʼanim mede akokoɔduru makasa. Megye di sɛ biribiara a ɛsiiɛ no wonim, ɛfiri sɛ, emu biara nni hɔ a ɛyɛ kokoamsɛm. 27Ɔhene Agripa, wogye adiyifoɔ no di anaa? Menim sɛ wogye wɔn di.” 28Agripa bisaa Paulo sɛ, “Wogye di sɛ wobɛtumi adane mʼadwene ama mayɛ Kristoni saa ɛberɛ tiawa yi mu anaa?” 29Paulo buaa sɛ, “Sɛ nsɛm a mereka no ho hia anaa ɛho nhia no, me mpaeɛbɔ ara ne sɛ, Onyankopɔn bɛma wo ne wɔn a wɔretie me ɛnnɛ yi nyinaa bɛsakyera abɛyɛ sɛ me, agye nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu me yi nko ara.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.