Asomafoɔ 26:25
Acts 26:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, Paulo buaa sɛ, “Daasebrɛ, memmɔɔ dam. Nsɛm a mereka no yɛ nokorɛ a aba wɔ mu.
Acts 26:25 in English
Acts 26:25 · Berean Standard Bible
But Paul answered, “I am not insane, most excellent Festus; I am speaking words of truth and sobriety.
Context
23Ɛsɛ sɛ Agyenkwa no hunu amane na wadi awufoɔ sɔreɛ mu ɛkan, na wɔaka hann ho asɛm akyerɛ Yudafoɔ ne amanamanmufoɔ.” 24Paulo gu so rekasa no, Festo tiaa no kaa sɛ, “Paulo, woabɔ dam. Wo nwomanim bebrebe no abɔ wo dam.” 25Nanso, Paulo buaa sɛ, “Daasebrɛ, memmɔɔ dam. Nsɛm a mereka no yɛ nokorɛ a aba wɔ mu. 26Ɔhene Agripa, ɛsiane sɛ wonim saa nsɛm yi nyinaa enti, mɛtumi magyina wʼanim mede akokoɔduru makasa. Megye di sɛ biribiara a ɛsiiɛ no wonim, ɛfiri sɛ, emu biara nni hɔ a ɛyɛ kokoamsɛm. 27Ɔhene Agripa, wogye adiyifoɔ no di anaa? Menim sɛ wogye wɔn di.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.