Native Bible

Acts 26:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Paulo buaa sɛ, “Sɛ nsɛm a mereka no ho hia anaa ɛho nhia no, me mpaeɛbɔ ara ne sɛ, Onyankopɔn bɛma wo ne wɔn a wɔretie me ɛnnɛ yi nyinaa bɛsakyera abɛyɛ sɛ me, agye nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu me yi nko ara.”

Acts 26:29 in English

Acts 26:29 · Berean Standard Bible

“Short time or long,” Paul replied, “I wish to God that not only you but all who hear me this day may become what I am, except for these chains.”

Context

27Ɔhene Agripa, wogye adiyifoɔ no di anaa? Menim sɛ wogye wɔn di.” 28Agripa bisaa Paulo sɛ, “Wogye di sɛ wobɛtumi adane mʼadwene ama mayɛ Kristoni saa ɛberɛ tiawa yi mu anaa?” 29Paulo buaa sɛ, “Sɛ nsɛm a mereka no ho hia anaa ɛho nhia no, me mpaeɛbɔ ara ne sɛ, Onyankopɔn bɛma wo ne wɔn a wɔretie me ɛnnɛ yi nyinaa bɛsakyera abɛyɛ sɛ me, agye nkɔnsɔnkɔnsɔn a ɛgu me yi nko ara.” 30Afei, ɔhene no ne Amrado ne Berenike ne wɔn a wɔahyia hɔ no nyinaa sɔreeɛ. 31Wɔrekɔ no, wɔkeka kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho sɛ, “Saa onipa yi nyɛɛ biribiara a ɛsɛ sɛ wɔgyina so bu no kumfɔ anaasɛ wɔde no to afiase.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.