Native Bible

Acts 2:34 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Dawid ankasa de, wankɔ ɔsoro, na mmom, ɔkaa sɛ, “ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ, “Tena me nsa nifa so ha,

Acts 2:34 in English

Acts 2:34 · Berean Standard Bible

For David did not ascend into heaven, but he himself says: ‘The Lord said to my Lord, “Sit at My right hand

Context

32Onyankopɔn anyane saa Yesu yi afiri owuo mu, na yɛn nyinaa yɛ saa asɛm yi ho adansefoɔ. 33Wɔahyɛ no animuonyam de no akɔtena Onyankopɔn nifa so ma ne nsa aka Honhom Kronkron no a Agya no hyɛɛ no ɛho bɔ no; ɛno na wahwie agu yɛn so a ɛho nsɛnkyerɛnneɛ na mohunu na mote yi. 34Dawid ankasa de, wankɔ ɔsoro, na mmom, ɔkaa sɛ, “ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ, “Tena me nsa nifa so ha, 35kɔsi sɛ mede wʼatamfoɔ bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.” ’ 36“Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa hunu sɛ, mo na mobɔɔ saa Yesu yi a Onyankopɔn ayɛ no Awurade ne Agyenkwa no asɛnnua mu.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.