Native Bible

Acts 2:36 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa hunu sɛ, mo na mobɔɔ saa Yesu yi a Onyankopɔn ayɛ no Awurade ne Agyenkwa no asɛnnua mu.”

Acts 2:36 in English

Acts 2:36 · Berean Standard Bible

Therefore let all Israel know with certainty that God has made this Jesus, whom you crucified, both Lord and Christ!”

Context

34Dawid ankasa de, wankɔ ɔsoro, na mmom, ɔkaa sɛ, “ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ, “Tena me nsa nifa so ha, 35kɔsi sɛ mede wʼatamfoɔ bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.” ’ 36“Ɛsɛ sɛ nnipa a wɔwɔ Israel nyinaa hunu sɛ, mo na mobɔɔ saa Yesu yi a Onyankopɔn ayɛ no Awurade ne Agyenkwa no asɛnnua mu.” 37Ɛberɛ a nnipa no tee saa asɛm yi no, ɛhaa wɔn yie. Enti, wɔbisaa Petro ne asomafoɔ a aka no sɛ, “Anuanom, ɛdeɛn na yɛnyɛ?” 38Petro ka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Monnu mo ho na wɔmmɔ mo asu wɔ Yesu Kristo din mu sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔde mo bɔne bɛkyɛ mo na moanya Onyankopɔn akyɛdeɛ a ɛyɛ Honhom Kronkron no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.