Asomafoɔ 2:33
Acts 2:33 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔahyɛ no animuonyam de no akɔtena Onyankopɔn nifa so ma ne nsa aka Honhom Kronkron no a Agya no hyɛɛ no ɛho bɔ no; ɛno na wahwie agu yɛn so a ɛho nsɛnkyerɛnneɛ na mohunu na mote yi.
Acts 2:33 in English
Acts 2:33 · Berean Standard Bible
Exalted, then, to the right hand of God, He has received from the Father the promised Holy Spirit and has poured out what you now see and hear.
Context
31Dawid hunuu deɛ Onyankopɔn rebɛyɛ no, ɔkasa faa owusɔreɛ a ɛfa Agyenkwa no ho sɛ, ‘Wɔannya no awufoɔ mu. Ne honam nso amporɔ.’ 32Onyankopɔn anyane saa Yesu yi afiri owuo mu, na yɛn nyinaa yɛ saa asɛm yi ho adansefoɔ. 33Wɔahyɛ no animuonyam de no akɔtena Onyankopɔn nifa so ma ne nsa aka Honhom Kronkron no a Agya no hyɛɛ no ɛho bɔ no; ɛno na wahwie agu yɛn so a ɛho nsɛnkyerɛnneɛ na mohunu na mote yi. 34Dawid ankasa de, wankɔ ɔsoro, na mmom, ɔkaa sɛ,
“ ‘Awurade ka kyerɛɛ me wura sɛ,
“Tena me nsa nifa so ha, 35kɔsi sɛ mede wʼatamfoɔ
bɛyɛ wo nan ntiasoɔ.” ’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.