Native Bible

Acts 2:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛno enti, me kra ani gye, na me de me tɛkrɛma di ahurisie. Me onipadua nso bɛhome asomdwoeɛ mu.

Acts 2:26 in English

Acts 2:26 · Berean Standard Bible

Therefore my heart is glad and my tongue rejoices; my body also will dwell in hope,

Context

24Nanso, Onyankopɔn nyanee no firii owuo mu maa ɔyii no firii owuyea mu, ɛfiri sɛ, owuo antumi anni ne so.” 25Asɛm a Dawid ka faa ne ho ne sɛ, “Mehunu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa. Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa enti, merenhinhim da. 26Ɛno enti, me kra ani gye, na me de me tɛkrɛma di ahurisie. Me onipadua nso bɛhome asomdwoeɛ mu. 27Ɛfiri sɛ, worennya me awufoɔ mu. Na woremma wo Kronkronni no mporɔ. 28Woakyerɛ me nkwagyeɛ ɛkwan; na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.