Asomafoɔ 2:25
Acts 2:25 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Asɛm a Dawid ka faa ne ho ne sɛ, “Mehunu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa. Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa enti, merenhinhim da.
Acts 2:25 in English
Acts 2:25 · Berean Standard Bible
David says about Him: ‘I saw * the Lord always before me; because He is at my right hand, I will not be shaken.
Context
23Onyankopɔn ankasa firi ne pɛ ne ne nhunumu mu sii no gyinaeɛ sɛ wɔbɛyi Yesu ama mo, na mode no maa nnebɔneyɛfoɔ ma wɔbɔɔ no asɛnnua mu kumm no. 24Nanso, Onyankopɔn nyanee no firii owuo mu maa ɔyii no firii owuyea mu, ɛfiri sɛ, owuo antumi anni ne so.” 25Asɛm a Dawid ka faa ne ho ne sɛ,
“Mehunu Awurade wɔ mʼani so daa nyinaa.
Esiane sɛ ɔwɔ me nsa nifa enti,
merenhinhim da. 26Ɛno enti, me kra ani gye, na me de me tɛkrɛma di ahurisie.
Me onipadua nso bɛhome asomdwoeɛ mu. 27Ɛfiri sɛ, worennya me awufoɔ mu.
Na woremma wo Kronkronni no mporɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.