Asomafoɔ 2:28
Acts 2:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Woakyerɛ me nkwagyeɛ ɛkwan; na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim.
Acts 2:28 in English
Acts 2:28 · Berean Standard Bible
You have made known to me the paths of life; You will fill me with joy in Your presence.’*
Context
26Ɛno enti, me kra ani gye, na me de me tɛkrɛma di ahurisie.
Me onipadua nso bɛhome asomdwoeɛ mu. 27Ɛfiri sɛ, worennya me awufoɔ mu.
Na woremma wo Kronkronni no mporɔ. 28Woakyerɛ me nkwagyeɛ ɛkwan;
na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim. 29“Anuanom, ɛsɛ sɛ meda mʼadwene adi pefee wɔ yɛn panin Dawid ho. Ɔwuiɛ na wɔsiee no, na ne damena da so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. 30Na ɔyɛ odiyifoɔ a ɔnim bɔ bi a Onyankopɔn ahyɛ no no. Onyankopɔn hyɛɛ bɔ bi sɛ ɔbɛyɛ Dawid aseni ɔhene, sɛdeɛ Dawid yɛ ɔhene no ara pɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.