Asomafoɔ 2:29
Acts 2:29 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Anuanom, ɛsɛ sɛ meda mʼadwene adi pefee wɔ yɛn panin Dawid ho. Ɔwuiɛ na wɔsiee no, na ne damena da so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ.
Acts 2:29 in English
Acts 2:29 · Berean Standard Bible
Brothers, I can tell you with confidence that the patriarch David died and was buried, and his tomb is with us to this day.
Context
27Ɛfiri sɛ, worennya me awufoɔ mu.
Na woremma wo Kronkronni no mporɔ. 28Woakyerɛ me nkwagyeɛ ɛkwan;
na wobɛma mʼani agye wɔ wʼanim. 29“Anuanom, ɛsɛ sɛ meda mʼadwene adi pefee wɔ yɛn panin Dawid ho. Ɔwuiɛ na wɔsiee no, na ne damena da so wɔ hɔ bɛsi ɛnnɛ. 30Na ɔyɛ odiyifoɔ a ɔnim bɔ bi a Onyankopɔn ahyɛ no no. Onyankopɔn hyɛɛ bɔ bi sɛ ɔbɛyɛ Dawid aseni ɔhene, sɛdeɛ Dawid yɛ ɔhene no ara pɛ. 31Dawid hunuu deɛ Onyankopɔn rebɛyɛ no, ɔkasa faa owusɔreɛ a ɛfa Agyenkwa no ho sɛ, ‘Wɔannya no awufoɔ mu. Ne honam nso amporɔ.’
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.