Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔde me baa baabi a banbɔ wɔ; ɔgyee me, ɛfiri sɛ, nʼani ku me ho.

2 Samuel 22:20 in English

2 Samuel 22:20 · Berean Standard Bible

He brought me out into the open; He rescued me because He delighted in me.

Context

18Ɔgyee me firii mʼatamfoɔ a wɔyɛ den nsam, atamfoɔ a wɔkyiri me na wɔn ho yɛ den pa ara ma me. 19Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da mu, nanso Awurade pagyaa me. 20Ɔde me baa baabi a banbɔ wɔ; ɔgyee me, ɛfiri sɛ, nʼani ku me ho. 21“Awurade ne me adi no sɛdeɛ me tenenee teɛ; wahwɛ me nsa a ɛho teɛ so atua me ka. 22Ɛfiri sɛ, manante Awurade akwan so; Mentwee me ho mfirii me Onyankopɔn ho nkɔyɛɛ bɔne.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.