Native Bible

Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da mu, nanso Awurade pagyaa me.

2 Samuel 22:19 in English

2 Samuel 22:19 · Berean Standard Bible

They confronted me in my day of calamity, but the LORD was my support.

Context

17“Ɔfiri ɔsoro baa ɛfam bɛsɔɔ me mu; ɔtwee me firii nsuo a emu dɔ mu. 18Ɔgyee me firii mʼatamfoɔ a wɔyɛ den nsam, atamfoɔ a wɔkyiri me na wɔn ho yɛ den pa ara ma me. 19Wɔbaa me so wɔ mʼamanehunu da mu, nanso Awurade pagyaa me. 20Ɔde me baa baabi a banbɔ wɔ; ɔgyee me, ɛfiri sɛ, nʼani ku me ho. 21“Awurade ne me adi no sɛdeɛ me tenenee teɛ; wahwɛ me nsa a ɛho teɛ so atua me ka.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.