Native Bible

2 Kings 20:13 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Hesekia gyee Babilonia ananmusifoɔ yi, kyerɛɛ wɔn biribiara a ɔwɔ wɔ nʼadekoradan mu a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, nnuhwam ne ngo a ɛyɛ hwam. Afei nso, ɔde wɔn kɔɔ nʼadekorabea, sane kyerɛɛ wɔn nʼadekoradan mu biribiara. Biribiara nni nʼahemfie hɔ anaa nʼahemman mu hɔ a Hesekia ankyerɛ wɔn.

2 Kings 20:13 in English

2 Kings 20:13 · Berean Standard Bible

And Hezekiah received the envoys and showed them all that was in his treasure house—the silver, the gold, the spices, and the precious oil, as well as his armory—all that was found in his storehouses. There was nothing in his palace or in all his dominion that Hezekiah did not show them.

Context

11Enti, Yesaia bisaa Awurade sɛ ɔnyɛ yei, na ɔmaa sunsum no tete sane nʼakyi anammɔntuo edu wɔ Ahas sunsumma susuniwa no so. 12Yei akyi, Babiloniahene Baladan babarima Merodak-Baladan* soma ma wɔkɔmaa Hesekia tirinkwa ne akyɛdeɛ, ɛfiri sɛ, na wate sɛ yare denden bi bɔɔ Hesekia. 13Hesekia gyee Babilonia ananmusifoɔ yi, kyerɛɛ wɔn biribiara a ɔwɔ wɔ nʼadekoradan mu a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, nnuhwam ne ngo a ɛyɛ hwam. Afei nso, ɔde wɔn kɔɔ nʼadekorabea, sane kyerɛɛ wɔn nʼadekoradan mu biribiara. Biribiara nni nʼahemfie hɔ anaa nʼahemman mu hɔ a Hesekia ankyerɛ wɔn. 14Na odiyifoɔ Yesaia kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kɔbisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na saa nnipa no repɛ? Na wɔfiri he na wɔbaeɛ?” Hesekia buaa sɛ, “Wɔfiri Babilonia akyirikyiri asase so pɛɛ.” 15Yesaia bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wɔhunuu wɔ wʼahemfie hɔ?” Hesekia buaa sɛ, “Wɔhunuu biribiara a ɛwɔ mʼahemfie ha. Biribiara nni mʼademudeɛ mu a mamfa ankyerɛ wɔn.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.