2 Ahemfo 20:11
2 Kings 20:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Enti, Yesaia bisaa Awurade sɛ ɔnyɛ yei, na ɔmaa sunsum no tete sane nʼakyi anammɔntuo edu wɔ Ahas sunsumma susuniwa no so.
2 Kings 20:11 in English
2 Kings 20:11 · Berean Standard Bible
So Isaiah the prophet called out to the LORD, and He brought the shadow back the ten steps it had descended on the stairway of Ahaz.
Context
9Yesaia buaa sɛ, “Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a Awurade bɛyɛ akyerɛ wo sɛ ɔbɛdi ne bɔhyɛ so. Wopɛ sɛ sunsum a ɛda sunsumma susuniwa no kɔ nʼanim anammɔntuo edu anaa ɛsane nʼakyi anammɔntuo edu?” 10Hesekia buaa sɛ, “Sunsum no kɔ nʼanim ɛberɛ biara. Na mmom, ma ɛnkɔ nʼakyi.” 11Enti, Yesaia bisaa Awurade sɛ ɔnyɛ yei, na ɔmaa sunsum no tete sane nʼakyi anammɔntuo edu wɔ Ahas sunsumma susuniwa no so. 12Yei akyi, Babiloniahene Baladan babarima Merodak-Baladan* soma ma wɔkɔmaa Hesekia tirinkwa ne akyɛdeɛ, ɛfiri sɛ, na wate sɛ yare denden bi bɔɔ Hesekia. 13Hesekia gyee Babilonia ananmusifoɔ yi, kyerɛɛ wɔn biribiara a ɔwɔ wɔ nʼadekoradan mu a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, nnuhwam ne ngo a ɛyɛ hwam. Afei nso, ɔde wɔn kɔɔ nʼadekorabea, sane kyerɛɛ wɔn nʼadekoradan mu biribiara. Biribiara nni nʼahemfie hɔ anaa nʼahemman mu hɔ a Hesekia ankyerɛ wɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.