Native Bible

2 Kings 20:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Hesekia buaa sɛ, “Sunsum no kɔ nʼanim ɛberɛ biara. Na mmom, ma ɛnkɔ nʼakyi.”

2 Kings 20:10 in English

2 Kings 20:10 · Berean Standard Bible

“It is easy for the shadow to lengthen ten steps,” answered Hezekiah, “but not for it to go back ten steps.”

Context

8Ansa na ɔrebɛnya ayaresa no, Hesekia bisaa Yesaia sɛ, “Nsɛnkyerɛnneɛ bɛn na Awurade bɛyɛ, de akyerɛ sɛ ɔbɛsa me yadeɛ, na matumi akɔ Awurade Asɔredan mu nnansa so?” 9Yesaia buaa sɛ, “Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ a Awurade bɛyɛ akyerɛ wo sɛ ɔbɛdi ne bɔhyɛ so. Wopɛ sɛ sunsum a ɛda sunsumma susuniwa no kɔ nʼanim anammɔntuo edu anaa ɛsane nʼakyi anammɔntuo edu?” 10Hesekia buaa sɛ, “Sunsum no kɔ nʼanim ɛberɛ biara. Na mmom, ma ɛnkɔ nʼakyi.” 11Enti, Yesaia bisaa Awurade sɛ ɔnyɛ yei, na ɔmaa sunsum no tete sane nʼakyi anammɔntuo edu wɔ Ahas sunsumma susuniwa no so. 12Yei akyi, Babiloniahene Baladan babarima Merodak-Baladan* soma ma wɔkɔmaa Hesekia tirinkwa ne akyɛdeɛ, ɛfiri sɛ, na wate sɛ yare denden bi bɔɔ Hesekia.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.