2 Ahemfo 20:12
2 Kings 20:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yei akyi, Babiloniahene Baladan babarima Merodak-Baladan* soma ma wɔkɔmaa Hesekia tirinkwa ne akyɛdeɛ, ɛfiri sɛ, na wate sɛ yare denden bi bɔɔ Hesekia.
2 Kings 20:12 in English
2 Kings 20:12 · Berean Standard Bible
At that time Merodach-baladan * son of Baladan king of Babylon sent letters and a gift to Hezekiah, for he had heard about Hezekiah’s illness.
Context
10Hesekia buaa sɛ, “Sunsum no kɔ nʼanim ɛberɛ biara. Na mmom, ma ɛnkɔ nʼakyi.” 11Enti, Yesaia bisaa Awurade sɛ ɔnyɛ yei, na ɔmaa sunsum no tete sane nʼakyi anammɔntuo edu wɔ Ahas sunsumma susuniwa no so. 12Yei akyi, Babiloniahene Baladan babarima Merodak-Baladan* soma ma wɔkɔmaa Hesekia tirinkwa ne akyɛdeɛ, ɛfiri sɛ, na wate sɛ yare denden bi bɔɔ Hesekia. 13Hesekia gyee Babilonia ananmusifoɔ yi, kyerɛɛ wɔn biribiara a ɔwɔ wɔ nʼadekoradan mu a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, nnuhwam ne ngo a ɛyɛ hwam. Afei nso, ɔde wɔn kɔɔ nʼadekorabea, sane kyerɛɛ wɔn nʼadekoradan mu biribiara. Biribiara nni nʼahemfie hɔ anaa nʼahemman mu hɔ a Hesekia ankyerɛ wɔn. 14Na odiyifoɔ Yesaia kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kɔbisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na saa nnipa no repɛ? Na wɔfiri he na wɔbaeɛ?”
Hesekia buaa sɛ, “Wɔfiri Babilonia akyirikyiri asase so pɛɛ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.