2 Ahemfo 20:15
2 Kings 20:15 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yesaia bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wɔhunuu wɔ wʼahemfie hɔ?” Hesekia buaa sɛ, “Wɔhunuu biribiara a ɛwɔ mʼahemfie ha. Biribiara nni mʼademudeɛ mu a mamfa ankyerɛ wɔn.”
2 Kings 20:15 in English
2 Kings 20:15 · Berean Standard Bible
“What have they seen in your palace?” Isaiah asked. “They have seen everything in my palace,” answered Hezekiah. “There is nothing among my treasures that I did not show them.”
Context
13Hesekia gyee Babilonia ananmusifoɔ yi, kyerɛɛ wɔn biribiara a ɔwɔ wɔ nʼadekoradan mu a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ, nnuhwam ne ngo a ɛyɛ hwam. Afei nso, ɔde wɔn kɔɔ nʼadekorabea, sane kyerɛɛ wɔn nʼadekoradan mu biribiara. Biribiara nni nʼahemfie hɔ anaa nʼahemman mu hɔ a Hesekia ankyerɛ wɔn. 14Na odiyifoɔ Yesaia kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kɔbisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na saa nnipa no repɛ? Na wɔfiri he na wɔbaeɛ?”
Hesekia buaa sɛ, “Wɔfiri Babilonia akyirikyiri asase so pɛɛ.” 15Yesaia bisaa no sɛ, “Ɛdeɛn na wɔhunuu wɔ wʼahemfie hɔ?”
Hesekia buaa sɛ, “Wɔhunuu biribiara a ɛwɔ mʼahemfie ha. Biribiara nni mʼademudeɛ mu a mamfa ankyerɛ wɔn.” 16Na Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ, “Tie saa asɛm a ɛfiri Awurade nkyɛn yi: 17Ɛberɛ bi reba a biribiara a wowɔ no, agyapadeɛ a wʼagyanom akora no nyinaa, wɔbɛtwe akɔ Babilonia a ɛrenka hwee. Sɛdeɛ Awurade seɛ nie:
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.