Native Bible

2 Kings 2:19 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, Yeriko mpanimfoɔ kɔsraa Elisa. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔdɛɛfoɔ, yɛwɔ dadwene bi. Saa kuro yi daberɛ ne nneɛma a atwa ho ahyia yɛ fɛ, sɛdeɛ wohunu no. Nanso, nsuo no nyɛ, na asase no nso mma nnɔbaeɛ.”

2 Kings 2:19 in English

2 Kings 2:19 · Berean Standard Bible

Then the men of the city said to Elisha, “Please note, our lord, that the city’s location is good, as you can see. But the water is bad and the land is unfruitful.”

Context

17Nanso, wɔkɔɔ so haa no ara, kɔsii sɛ, ɔnhunu deɛ ɔnyɛ ne ho, enti akyire no ɔkaa sɛ, “Ɛyɛ, monsoma wɔn.” Enti, mmarima aduonum, de nnansa kyinkyini, hwehwɛeɛ, nanso wɔanhunu Elia. 18Ɛberɛ a wɔsane wɔn akyi no, na Elisa da so wɔ Yeriko. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Manka ankyerɛ mo sɛ monnkɔ?” 19Afei, Yeriko mpanimfoɔ kɔsraa Elisa. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔdɛɛfoɔ, yɛwɔ dadwene bi. Saa kuro yi daberɛ ne nneɛma a atwa ho ahyia yɛ fɛ, sɛdeɛ wohunu no. Nanso, nsuo no nyɛ, na asase no nso mma nnɔbaeɛ.” 20Elisa kaa sɛ, “momma me nsukoradeɛ foforɔ a wɔde nkyene agu mu.” Na wɔde baeɛ. 21Afei, ɔkɔɔ nsuo no a kurom hɔfoɔ sa nom no mu, kɔtoo nkyene no guu mu. Na ɔkaa sɛ, “Yei ne deɛ Awurade seɛ: Mayɛ nsuo yi yie. Ɛremma owuo, na asase no bɛma ne nnɔbaeɛ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.