2 Ahemfo 2:21
2 Kings 2:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, ɔkɔɔ nsuo no a kurom hɔfoɔ sa nom no mu, kɔtoo nkyene no guu mu. Na ɔkaa sɛ, “Yei ne deɛ Awurade seɛ: Mayɛ nsuo yi yie. Ɛremma owuo, na asase no bɛma ne nnɔbaeɛ.”
2 Kings 2:21 in English
2 Kings 2:21 · Berean Standard Bible
and Elisha went out to the spring, cast the salt into it, and said, “This is what the LORD says: ‘I have healed this water. No longer will it cause death or unfruitfulness.*’”
Context
19Afei, Yeriko mpanimfoɔ kɔsraa Elisa. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔdɛɛfoɔ, yɛwɔ dadwene bi. Saa kuro yi daberɛ ne nneɛma a atwa ho ahyia yɛ fɛ, sɛdeɛ wohunu no. Nanso, nsuo no nyɛ, na asase no nso mma nnɔbaeɛ.” 20Elisa kaa sɛ, “momma me nsukoradeɛ foforɔ a wɔde nkyene agu mu.” Na wɔde baeɛ. 21Afei, ɔkɔɔ nsuo no a kurom hɔfoɔ sa nom no mu, kɔtoo nkyene no guu mu. Na ɔkaa sɛ, “Yei ne deɛ Awurade seɛ: Mayɛ nsuo yi yie. Ɛremma owuo, na asase no bɛma ne nnɔbaeɛ.” 22Na ampa ara, ɛfiri saa ɛberɛ no, nsuo no ayɛ nsu pa sɛdeɛ Elisa kaeɛ no. 23Elisa firii Yeriko kɔɔ Bet-El. Ɔrekɔ no, mmarimaa bi a wɔfiri kuro no mu dii ne ho fɛ, seree no sɛ, “Tipa, foro kɔ ɛ! Tipa, foro kɔ ɛ!”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.