2 Ahemfo 2:17
2 Kings 2:17 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Nanso, wɔkɔɔ so haa no ara, kɔsii sɛ, ɔnhunu deɛ ɔnyɛ ne ho, enti akyire no ɔkaa sɛ, “Ɛyɛ, monsoma wɔn.” Enti, mmarima aduonum, de nnansa kyinkyini, hwehwɛeɛ, nanso wɔanhunu Elia.
2 Kings 2:17 in English
2 Kings 2:17 · Berean Standard Bible
But when they pressed him to the point of embarrassment, he said, “Send them.” And they sent fifty men, who searched for three days but did not find Elijah.
Context
15Ɛberɛ a adiyifoɔ kuo a wɔwɔ Yeriko hunuu asɛm a asie no, wɔteaam sɛ, “Elisa abɛdi Elia adeɛ!” Na wɔkɔhyiaa no, kotoo no. 16Wɔkaa sɛ, “Owura, ka biribi na yɛn mu ahoɔdenfoɔ aduonum bɛkyini ɛserɛ no so, ahwehwɛ wo wura. Ebia na Awurade honhom agyaa no asi bepɔ bi so anaa bɔnhwa bi mu.”
Elisa kaa sɛ, “Dabi, monnsoma wɔn.” 17Nanso, wɔkɔɔ so haa no ara, kɔsii sɛ, ɔnhunu deɛ ɔnyɛ ne ho, enti akyire no ɔkaa sɛ, “Ɛyɛ, monsoma wɔn.” Enti, mmarima aduonum, de nnansa kyinkyini, hwehwɛeɛ, nanso wɔanhunu Elia. 18Ɛberɛ a wɔsane wɔn akyi no, na Elisa da so wɔ Yeriko. Ɔbisaa wɔn sɛ, “Manka ankyerɛ mo sɛ monnkɔ?” 19Afei, Yeriko mpanimfoɔ kɔsraa Elisa. Wɔka kyerɛɛ no sɛ, “Ɔdɛɛfoɔ, yɛwɔ dadwene bi. Saa kuro yi daberɛ ne nneɛma a atwa ho ahyia yɛ fɛ, sɛdeɛ wohunu no. Nanso, nsuo no nyɛ, na asase no nso mma nnɔbaeɛ.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.