1 Ahemfo 7:48
1 Kings 7:48 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Salomo de saa nneɛma yi nyinaa siesiee Awurade Asɔredan no mu: sikakɔkɔɔ afɔrebukyia, sikakɔkɔɔ kyerɛ ɛpono a Hyiadan mu Burodo no gu soɔ,
1 Kings 7:48 in English
1 Kings 7:48 · Berean Standard Bible
Solomon also made all the furnishings for the house of the LORD: the golden altar; the golden table on which was placed the Bread of the Presence;
Context
46Ɔhene ma wɔguu no kankua a na ɛwɔ Yordan bɔnhwa a na ɛwɔ Sukot ne Saretan ntam no mu. 47Salomo ankari nkuku ne nkaka no, ɛfiri sɛ, na ɛdɔɔso dodo; na kɔbere mfrafraeɛ no mu duru nso, wɔantumi ankari. 48Na Salomo de saa nneɛma yi nyinaa siesiee Awurade Asɔredan no mu:
sikakɔkɔɔ afɔrebukyia,
sikakɔkɔɔ kyerɛ ɛpono a Hyiadan mu Burodo no gu soɔ, 49sikakɔkɔɔ kaneadua* a ɛnnum sisi anafoɔ fam,
na enum sisi atifi fam wɔ kronkron mu kronkron animu hɔ;
nhwiren a wɔde asiesie hɔ, nkanea ne nkapɛ a ne nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ, 50nkuruwa, nkanea akapɛ, nsisoɔ, nyowaa ne nkyɛnsee a wɔnoa mu nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ nko ara;
ɛkwan ano apono a ɛkɔ kronkron mu kronkron ne Asɔredan no mu ne animu nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ duraa ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.