Native Bible

1 Kings 7:49 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

sikakɔkɔɔ kaneadua* a ɛnnum sisi anafoɔ fam, na enum sisi atifi fam wɔ kronkron mu kronkron animu hɔ; nhwiren a wɔde asiesie hɔ, nkanea ne nkapɛ a ne nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ,

1 Kings 7:49 in English

1 Kings 7:49 · Berean Standard Bible

the lampstands of pure gold in front of the inner sanctuary, five on the right side and five on the left; the gold flowers, lamps, and tongs;

Context

47Salomo ankari nkuku ne nkaka no, ɛfiri sɛ, na ɛdɔɔso dodo; na kɔbere mfrafraeɛ no mu duru nso, wɔantumi ankari. 48Na Salomo de saa nneɛma yi nyinaa siesiee Awurade Asɔredan no mu: sikakɔkɔɔ afɔrebukyia, sikakɔkɔɔ kyerɛ ɛpono a Hyiadan mu Burodo no gu soɔ, 49sikakɔkɔɔ kaneadua* a ɛnnum sisi anafoɔ fam, na enum sisi atifi fam wɔ kronkron mu kronkron animu hɔ; nhwiren a wɔde asiesie hɔ, nkanea ne nkapɛ a ne nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ, 50nkuruwa, nkanea akapɛ, nsisoɔ, nyowaa ne nkyɛnsee a wɔnoa mu nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ nko ara; ɛkwan ano apono a ɛkɔ kronkron mu kronkron ne Asɔredan no mu ne animu nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ duraa ho. 51Ɔhene Salomo wiee Awurade asɔredan no ho adwuma nyinaa. Na Salomo de akyɛdeɛ a nʼagya Dawid ato edin no nyinaa a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nkuku ne nkaka ba bɛkoraa wɔ adekoradan mu wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.