1 Ahemfo 7:47
1 Kings 7:47 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Salomo ankari nkuku ne nkaka no, ɛfiri sɛ, na ɛdɔɔso dodo; na kɔbere mfrafraeɛ no mu duru nso, wɔantumi ankari.
1 Kings 7:47 in English
1 Kings 7:47 · Berean Standard Bible
Solomon left all these articles unweighed, because there were so many. The weight of the bronze could not be determined.
Context
45Nkukuo, sofi ne dwaresɛn.
Na nkuku ne nkaka a Huram yɛ maa ɔhene Salomo de guu Awurade Asɔredan mu no nyinaa yɛ kɔbere mfrafraeɛ a wɔapɔ ho. 46Ɔhene ma wɔguu no kankua a na ɛwɔ Yordan bɔnhwa a na ɛwɔ Sukot ne Saretan ntam no mu. 47Salomo ankari nkuku ne nkaka no, ɛfiri sɛ, na ɛdɔɔso dodo; na kɔbere mfrafraeɛ no mu duru nso, wɔantumi ankari. 48Na Salomo de saa nneɛma yi nyinaa siesiee Awurade Asɔredan no mu:
sikakɔkɔɔ afɔrebukyia,
sikakɔkɔɔ kyerɛ ɛpono a Hyiadan mu Burodo no gu soɔ, 49sikakɔkɔɔ kaneadua* a ɛnnum sisi anafoɔ fam,
na enum sisi atifi fam wɔ kronkron mu kronkron animu hɔ;
nhwiren a wɔde asiesie hɔ, nkanea ne nkapɛ a ne nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.