1 Ahemfo 7:50
1 Kings 7:50 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
nkuruwa, nkanea akapɛ, nsisoɔ, nyowaa ne nkyɛnsee a wɔnoa mu nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ nko ara; ɛkwan ano apono a ɛkɔ kronkron mu kronkron ne Asɔredan no mu ne animu nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ duraa ho.
1 Kings 7:50 in English
1 Kings 7:50 · Berean Standard Bible
the pure gold basins, wick trimmers, sprinkling bowls, ladles, and censers; and the gold hinges for the doors of the inner temple (that is, the Most Holy Place *) as well as for the doors of the main hall of the temple.
Context
48Na Salomo de saa nneɛma yi nyinaa siesiee Awurade Asɔredan no mu:
sikakɔkɔɔ afɔrebukyia,
sikakɔkɔɔ kyerɛ ɛpono a Hyiadan mu Burodo no gu soɔ, 49sikakɔkɔɔ kaneadua* a ɛnnum sisi anafoɔ fam,
na enum sisi atifi fam wɔ kronkron mu kronkron animu hɔ;
nhwiren a wɔde asiesie hɔ, nkanea ne nkapɛ a ne nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ, 50nkuruwa, nkanea akapɛ, nsisoɔ, nyowaa ne nkyɛnsee a wɔnoa mu nyinaa yɛ sikakɔkɔɔ nko ara;
ɛkwan ano apono a ɛkɔ kronkron mu kronkron ne Asɔredan no mu ne animu nyinaa, wɔde sikakɔkɔɔ duraa ho. 51Ɔhene Salomo wiee Awurade asɔredan no ho adwuma nyinaa. Na Salomo de akyɛdeɛ a nʼagya Dawid ato edin no nyinaa a ɛyɛ dwetɛ, sikakɔkɔɔ ne nkuku ne nkaka ba bɛkoraa wɔ adekoradan mu wɔ Awurade Asɔredan mu hɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.