Native Bible

1 Kings 2:34 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Enti, Yehoiada babarima Benaia sane kɔɔ ntomadan kronkron no mu, kɔkumm Yoab, na wɔsiee Yoab* wɔ ne kurom wiram baabi.

1 Kings 2:34 in English

1 Kings 2:34 · Berean Standard Bible

So Benaiah son of Jehoiada went up, struck down Joab, and killed him. He was buried at his own home in the wilderness.

Context

32Na Awurade bɛtua no kum a ɔkumm mmarima ateneneefoɔ amapa baanu a na wɔyɛ sene no no so ka. Na mʼagya nnim Ner babarima Abner a na ɔyɛ Israel akodɔm sahene ne Yeter babarima Amasa a na ɔno nso yɛ Yuda akodɔm sahene no wuo ho hwee. 33Yoab ne nʼasefoɔ deɛ, saa awudie ahodoɔ yi ho afɔdie ntena wɔn so, na Awurade mma Dawid ne nʼasefoɔ ne nʼahennwa asomdwoeɛ afebɔɔ!” 34Enti, Yehoiada babarima Benaia sane kɔɔ ntomadan kronkron no mu, kɔkumm Yoab, na wɔsiee Yoab* wɔ ne kurom wiram baabi. 35Na ɔhene no yii Yehoiada babarima Benaia sɛ ɔnsi Yoab anan sɛ ɔsafohene. Na ɔyii ɔsɔfoɔ Sadok de no sii Abiatar anan. 36Ɔhene no soma ma wɔkɔfrɛɛ Simei ka kyerɛɛ no sɛ, “Si efie wɔ Yerusalem ha na tena mu. Nanso, mfiri kuro no mu nkɔ baabiara.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.