1 Ahemfo 2:35
1 Kings 2:35 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na ɔhene no yii Yehoiada babarima Benaia sɛ ɔnsi Yoab anan sɛ ɔsafohene. Na ɔyii ɔsɔfoɔ Sadok de no sii Abiatar anan.
1 Kings 2:35 in English
1 Kings 2:35 · Berean Standard Bible
And the king appointed Benaiah son of Jehoiada in Joab’s place over the army, and he appointed Zadok the priest in Abiathar’s place.
Context
33Yoab ne nʼasefoɔ deɛ, saa awudie ahodoɔ yi ho afɔdie ntena wɔn so, na Awurade mma Dawid ne nʼasefoɔ ne nʼahennwa asomdwoeɛ afebɔɔ!” 34Enti, Yehoiada babarima Benaia sane kɔɔ ntomadan kronkron no mu, kɔkumm Yoab, na wɔsiee Yoab* wɔ ne kurom wiram baabi. 35Na ɔhene no yii Yehoiada babarima Benaia sɛ ɔnsi Yoab anan sɛ ɔsafohene. Na ɔyii ɔsɔfoɔ Sadok de no sii Abiatar anan. 36Ɔhene no soma ma wɔkɔfrɛɛ Simei ka kyerɛɛ no sɛ, “Si efie wɔ Yerusalem ha na tena mu. Nanso, mfiri kuro no mu nkɔ baabiara. 37Na da a wobɛtwa Kidron bɔnhwa no, wobɛwu; na wo mogya bɛgu wʼankasa wo tiri so.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.