Native Bible

1 Kings 2:33 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yoab ne nʼasefoɔ deɛ, saa awudie ahodoɔ yi ho afɔdie ntena wɔn so, na Awurade mma Dawid ne nʼasefoɔ ne nʼahennwa asomdwoeɛ afebɔɔ!”

1 Kings 2:33 in English

1 Kings 2:33 · Berean Standard Bible

Their blood will come back upon the heads of Joab and his descendants forever; but for David, his descendants, his house, and his throne, there shall be peace from the LORD forever.”

Context

31Ɔhene no tee asɛm a Yoab kaeɛ no, ɔka kyerɛɛ Benaia sɛ, “Yɛ deɛ ɔkaeɛ no. Ku no wɔ afɔrebukyia no ho, na sie no. Yei bɛyi adwenemherɛ mogyahwieguo ho afɔdie afiri me ne mʼagya fiefoɔ so. 32Na Awurade bɛtua no kum a ɔkumm mmarima ateneneefoɔ amapa baanu a na wɔyɛ sene no no so ka. Na mʼagya nnim Ner babarima Abner a na ɔyɛ Israel akodɔm sahene ne Yeter babarima Amasa a na ɔno nso yɛ Yuda akodɔm sahene no wuo ho hwee. 33Yoab ne nʼasefoɔ deɛ, saa awudie ahodoɔ yi ho afɔdie ntena wɔn so, na Awurade mma Dawid ne nʼasefoɔ ne nʼahennwa asomdwoeɛ afebɔɔ!” 34Enti, Yehoiada babarima Benaia sane kɔɔ ntomadan kronkron no mu, kɔkumm Yoab, na wɔsiee Yoab* wɔ ne kurom wiram baabi. 35Na ɔhene no yii Yehoiada babarima Benaia sɛ ɔnsi Yoab anan sɛ ɔsafohene. Na ɔyii ɔsɔfoɔ Sadok de no sii Abiatar anan.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.