1 Berɛsosɛm 27:30
1 Chronicles 27:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ismaelni Obil na na ɔhwɛ nyoma so. Yehdia a ɔfiri Meronot na na ɔhwɛ mfunumu so.
1 Chronicles 27:30 in English
1 Chronicles 27:30 · Berean Standard Bible
Obil the Ishmaelite was in charge of the camels. Jehdeiah the Meronothite was in charge of the donkeys.
Context
28Baal-Hanan a ɔfiri Geder no na na ɔhwɛ ɔhene ngo nnua ne akyee nnua a na ɛwɔ Yuda bepɔ ase no so.
Yoas na na ɔhwɛ ma wɔyɛ ngo. 29Sitrai a ɔfiri Saron na na ɔhwɛ anantwie a na wɔwɔ Saron ɛserɛ so no so.
Adlai babarima Safat na na ɔhwɛ anantwie a wɔwɔ bɔnhwa ahodoɔ mu no so. 30Ismaelni Obil na na ɔhwɛ nyoma so.
Yehdia a ɔfiri Meronot na na ɔhwɛ mfunumu so. 31Yasis a ɔfiri Hagar na na ɔhwɛ ɔhene nnwan so.
Saa mpanimfoɔ yi nyinaa na na wɔhwɛ ɔhene Dawid agyapadeɛ so. 32Yonatan a na ɔyɛ Dawid wɔfa no yɛɛ ɔfotufoɔ nyansafoɔ maa ɔhene. Na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ a ɔwɔ nhunumu.
Na Hakmoni babarima Yehiel na na ɔkyerɛ ɔhene mmammarima adeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.