Native Bible

1 Chronicles 27:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Baal-Hanan a ɔfiri Geder no na na ɔhwɛ ɔhene ngo nnua ne akyee nnua a na ɛwɔ Yuda bepɔ ase no so. Yoas na na ɔhwɛ ma wɔyɛ ngo.

1 Chronicles 27:28 in English

1 Chronicles 27:28 · Berean Standard Bible

Baal-hanan the Gederite was in charge of the olive and sycamore trees in the foothills.* Joash was in charge of the stores of olive oil.

Context

26Kelub babarima Esri na na ɔhwɛ apaafoɔ a na wɔdɔ ɔhene mfuo so. 27Simei a na ɔfiri Rama na na ɔhwɛ ɔhene bobe mfuo so. Sabdi a ɔfiri Sifim na na ɔhwɛ aba a wɔde yɛ nsã ne nsã a wɔayɛ so. 28Baal-Hanan a ɔfiri Geder no na na ɔhwɛ ɔhene ngo nnua ne akyee nnua a na ɛwɔ Yuda bepɔ ase no so. Yoas na na ɔhwɛ ma wɔyɛ ngo. 29Sitrai a ɔfiri Saron na na ɔhwɛ anantwie a na wɔwɔ Saron ɛserɛ so no so. Adlai babarima Safat na na ɔhwɛ anantwie a wɔwɔ bɔnhwa ahodoɔ mu no so. 30Ismaelni Obil na na ɔhwɛ nyoma so. Yehdia a ɔfiri Meronot na na ɔhwɛ mfunumu so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.