1 Berɛsosɛm 27:26
1 Chronicles 27:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Kelub babarima Esri na na ɔhwɛ apaafoɔ a na wɔdɔ ɔhene mfuo so.
1 Chronicles 27:26 in English
1 Chronicles 27:26 · Berean Standard Bible
Ezri son of Chelub was in charge of the workers in the fields who tilled the soil.
Context
24Yoab na ɔhyɛɛ nnipakan no ase, nanso wanwie, ɛfiri sɛ, Onyankopɔn bo fuu Israel. Wɔantwerɛ nnipa no nyinaa dodoɔ angu Ɔhene Dawid nkrataa mu. 25Adiel babarima Asmawet na na ɔhwɛ ahemfie sikakorabea so.
Usia babarima Yonatan no na na ɔhwɛ ɔmantam no sikakorabea a ɛwowɔ nkuro, nkuraaseɛ ne aban a ɛwɔ Israel nyinaa so. 26Kelub babarima Esri na na ɔhwɛ apaafoɔ a na wɔdɔ ɔhene mfuo so. 27Simei a na ɔfiri Rama na na ɔhwɛ ɔhene bobe mfuo so.
Sabdi a ɔfiri Sifim na na ɔhwɛ aba a wɔde yɛ nsã ne nsã a wɔayɛ so. 28Baal-Hanan a ɔfiri Geder no na na ɔhwɛ ɔhene ngo nnua ne akyee nnua a na ɛwɔ Yuda bepɔ ase no so.
Yoas na na ɔhwɛ ma wɔyɛ ngo.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.