1 Berɛsosɛm 27:32
1 Chronicles 27:32 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Yonatan a na ɔyɛ Dawid wɔfa no yɛɛ ɔfotufoɔ nyansafoɔ maa ɔhene. Na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ a ɔwɔ nhunumu. Na Hakmoni babarima Yehiel na na ɔkyerɛ ɔhene mmammarima adeɛ.
1 Chronicles 27:32 in English
1 Chronicles 27:32 · Berean Standard Bible
David’s uncle Jonathan was a counselor; he was a man of insight and a scribe. Jehiel son of Hachmoni attended to the sons of the king.
Context
30Ismaelni Obil na na ɔhwɛ nyoma so.
Yehdia a ɔfiri Meronot na na ɔhwɛ mfunumu so. 31Yasis a ɔfiri Hagar na na ɔhwɛ ɔhene nnwan so.
Saa mpanimfoɔ yi nyinaa na na wɔhwɛ ɔhene Dawid agyapadeɛ so. 32Yonatan a na ɔyɛ Dawid wɔfa no yɛɛ ɔfotufoɔ nyansafoɔ maa ɔhene. Na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ a ɔwɔ nhunumu.
Na Hakmoni babarima Yehiel na na ɔkyerɛ ɔhene mmammarima adeɛ. 33Ahitofel na na ɔyɛ ɔhene ɔfotufoɔ.
Na Husai a ɔfiri Arki yɛ ɔhene adamfo. 34Benaia babarima Yehoiada na ɔdii Ahitofel adeɛ na Abiatar bɛtoaa adedie no so.
Yoab na na ɔyɛ Israel akodɔm so sahene.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.