Native Bible

1 Chronicles 27:31 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yasis a ɔfiri Hagar na na ɔhwɛ ɔhene nnwan so. Saa mpanimfoɔ yi nyinaa na na wɔhwɛ ɔhene Dawid agyapadeɛ so.

1 Chronicles 27:31 in English

1 Chronicles 27:31 · Berean Standard Bible

Jaziz the Hagrite was in charge of the flocks. All these officials were in charge of King David’s property.

Context

29Sitrai a ɔfiri Saron na na ɔhwɛ anantwie a na wɔwɔ Saron ɛserɛ so no so. Adlai babarima Safat na na ɔhwɛ anantwie a wɔwɔ bɔnhwa ahodoɔ mu no so. 30Ismaelni Obil na na ɔhwɛ nyoma so. Yehdia a ɔfiri Meronot na na ɔhwɛ mfunumu so. 31Yasis a ɔfiri Hagar na na ɔhwɛ ɔhene nnwan so. Saa mpanimfoɔ yi nyinaa na na wɔhwɛ ɔhene Dawid agyapadeɛ so. 32Yonatan a na ɔyɛ Dawid wɔfa no yɛɛ ɔfotufoɔ nyansafoɔ maa ɔhene. Na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ a ɔwɔ nhunumu. Na Hakmoni babarima Yehiel na na ɔkyerɛ ɔhene mmammarima adeɛ. 33Ahitofel na na ɔyɛ ɔhene ɔfotufoɔ. Na Husai a ɔfiri Arki yɛ ɔhene adamfo.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.