1 Berɛsosɛm 26:8
1 Chronicles 26:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Obed-Edom asefoɔ yi nyinaa a wɔn mmammarima ne wɔn nananom a na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ aduosia mmienu (62) no yɛ nnipa a, na wɔbɔ wɔn ho mmɔden yie na wɔfata wɔn nnwuma.
1 Chronicles 26:8 in English
1 Chronicles 26:8 · Berean Standard Bible
All these were descendants of Obed-edom; they and their sons and brothers were capable men with strength to do the work—62 in all from Obed-edom.
Context
6Na Obed-Edom babarima Semaia wɔ mmammarima a wɔtumi adeɛ yɛ yie enti, wɔnyaa dibea a ɛkura tumi wɔ abusua no mu. 7Na wɔn edin ne:
Otni, Refael, Obed ne Elsabad;
na wɔn abusuafoɔ Elihu ne Semakia nso yɛ mmɔdemmɔfoɔ. 8Obed-Edom asefoɔ yi nyinaa a wɔn mmammarima ne wɔn nananom a na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ aduosia mmienu (62) no yɛ nnipa a, na wɔbɔ wɔn ho mmɔden yie na wɔfata wɔn nnwuma. 9Saa ara nso na na Meselemia mmammarima dunwɔtwe (18) no ne wɔn abusuafoɔ nso bɔ wɔn ho mmɔden yie. 10Hosa a ɔfiri Merari abusua mu yii Simri a na ɔnyɛ abakan no sɛ ntuanoni, wɔ ne mmammarima mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.