1 Berɛsosɛm 26:10
1 Chronicles 26:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Hosa a ɔfiri Merari abusua mu yii Simri a na ɔnyɛ abakan no sɛ ntuanoni, wɔ ne mmammarima mu.
1 Chronicles 26:10 in English
1 Chronicles 26:10 · Berean Standard Bible
Hosah the Merarite also had sons: Shimri the first (although he was not the firstborn, his father had appointed him as the first),
Context
8Obed-Edom asefoɔ yi nyinaa a wɔn mmammarima ne wɔn nananom a na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ aduosia mmienu (62) no yɛ nnipa a, na wɔbɔ wɔn ho mmɔden yie na wɔfata wɔn nnwuma. 9Saa ara nso na na Meselemia mmammarima dunwɔtwe (18) no ne wɔn abusuafoɔ nso bɔ wɔn ho mmɔden yie. 10Hosa a ɔfiri Merari abusua mu yii Simri a na ɔnyɛ abakan no sɛ ntuanoni, wɔ ne mmammarima mu. 11Na ne mmammarima no bi ne:
Hilkia a ɔtɔ so mmienu, Tebalia a ɔtɔ so mmiɛnsa
ne Sakaria tɔ so ɛnan.
Na Hosa mmammarima ne nʼabusuafoɔ a wɔsom sɛ apono ano ahwɛfoɔ no nyinaa dodoɔ yɛ dumiɛnsa (13). 12Saa apono ano ahwɛfoɔ akuo yi nam wɔn mmusua ntuanofoɔ so somm wɔ Awurade fie, sɛdeɛ wɔn abusuafoɔ yɛeɛ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.