1 Berɛsosɛm 26:7
1 Chronicles 26:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na wɔn edin ne: Otni, Refael, Obed ne Elsabad; na wɔn abusuafoɔ Elihu ne Semakia nso yɛ mmɔdemmɔfoɔ.
1 Chronicles 26:7 in English
1 Chronicles 26:7 · Berean Standard Bible
Shemaiah’s sons were Othni, Rephael, Obed, and Elzabad; his brothers were Elihu and Semachiah, also capable men.
Context
5Amiel a ɔtɔ so nsia,
Isakar a ɔtɔ so nson, ne Peuletai a ɔtɔ so nwɔtwe.
Onyankopɔn hyiraa Obed-Edom bebree. 6Na Obed-Edom babarima Semaia wɔ mmammarima a wɔtumi adeɛ yɛ yie enti, wɔnyaa dibea a ɛkura tumi wɔ abusua no mu. 7Na wɔn edin ne:
Otni, Refael, Obed ne Elsabad;
na wɔn abusuafoɔ Elihu ne Semakia nso yɛ mmɔdemmɔfoɔ. 8Obed-Edom asefoɔ yi nyinaa a wɔn mmammarima ne wɔn nananom a na wɔn nyinaa dodoɔ yɛ aduosia mmienu (62) no yɛ nnipa a, na wɔbɔ wɔn ho mmɔden yie na wɔfata wɔn nnwuma. 9Saa ara nso na na Meselemia mmammarima dunwɔtwe (18) no ne wɔn abusuafoɔ nso bɔ wɔn ho mmɔden yie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.