Native Bible

1 Chronicles 15:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Na Hebron asefoɔ yɛ aduɔwɔtwe (80) a Eliel yɛ wɔn ntuanoni.

1 Chronicles 15:9 in English

1 Chronicles 15:9 · Berean Standard Bible

from the Hebronites, Eliel the chief and 80 of his relatives;

Context

7Wɔn a wɔfiri Gersom abusua mu no, na wɔn dodoɔ yɛ ɔha ne aduasa (130), a Yoɛl da wɔn ano. 8Na Elisafan asefoɔ yɛ ahanu (200) a Semaia da wɔn ano. 9Na Hebron asefoɔ yɛ aduɔwɔtwe (80) a Eliel yɛ wɔn ntuanoni. 10Na Usiel asefoɔ yɛ ɔha ne dumienu (112) a Aminadab yɛ wɔn ntuanoni. 11Afei, Dawid frɛɛ asɔfoɔ Sadok ne Abiatar ne saa Lewifoɔ mpanimfoɔ yi: Uriel, Asaia, Yoɛl, Semaia, Eliel ne Aminadab.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.