1 Berɛsosɛm 15:10
1 Chronicles 15:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Usiel asefoɔ yɛ ɔha ne dumienu (112) a Aminadab yɛ wɔn ntuanoni.
1 Chronicles 15:10 in English
1 Chronicles 15:10 · Berean Standard Bible
and from the Uzzielites, Amminadab the chief and 112 of his relatives.
Context
8Na Elisafan asefoɔ yɛ ahanu (200) a Semaia da wɔn ano. 9Na Hebron asefoɔ yɛ aduɔwɔtwe (80) a Eliel yɛ wɔn ntuanoni. 10Na Usiel asefoɔ yɛ ɔha ne dumienu (112) a Aminadab yɛ wɔn ntuanoni. 11Afei, Dawid frɛɛ asɔfoɔ Sadok ne Abiatar ne saa Lewifoɔ mpanimfoɔ yi: Uriel, Asaia, Yoɛl, Semaia, Eliel ne Aminadab. 12Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo na moyɛ Lewifoɔ mmusua mu ntuanofoɔ. Mo ne Lewifoɔ a wɔka mo ho nyinaa nnwira mo ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛtumi de Awurade, Israel Onyankopɔn, Apam Adaka bɛba beaeɛ a masiesie ama no no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.