1 Berɛsosɛm 15:11
1 Chronicles 15:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Dawid frɛɛ asɔfoɔ Sadok ne Abiatar ne saa Lewifoɔ mpanimfoɔ yi: Uriel, Asaia, Yoɛl, Semaia, Eliel ne Aminadab.
1 Chronicles 15:11 in English
1 Chronicles 15:11 · Berean Standard Bible
David summoned the priests Zadok and Abiathar and the Levites Uriel, Asaiah, Joel, Shemaiah, Eliel, and Amminadab.
Context
9Na Hebron asefoɔ yɛ aduɔwɔtwe (80) a Eliel yɛ wɔn ntuanoni. 10Na Usiel asefoɔ yɛ ɔha ne dumienu (112) a Aminadab yɛ wɔn ntuanoni. 11Afei, Dawid frɛɛ asɔfoɔ Sadok ne Abiatar ne saa Lewifoɔ mpanimfoɔ yi: Uriel, Asaia, Yoɛl, Semaia, Eliel ne Aminadab. 12Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ, “Mo na moyɛ Lewifoɔ mmusua mu ntuanofoɔ. Mo ne Lewifoɔ a wɔka mo ho nyinaa nnwira mo ho, sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, mobɛtumi de Awurade, Israel Onyankopɔn, Apam Adaka bɛba beaeɛ a masiesie ama no no. 13Esiane sɛ, kane no, mo Lewifoɔ ansoa Apam Adaka no enti, Awurade, yɛn Onyankopɔn, abufuo sɔre tiaa yɛn. Yɛammisa Onyankopɔn ɛkwan pa a ɛsɛ sɛ yɛfa so soa.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.