Native Bible

1 Chronicles 15:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, Dawid frɛɛ Israelfoɔ nyinaa kɔɔ Yerusalem sɛ wɔmfa Awurade Apam Adaka no nkɔsi baabi a wɔasiesie ama no no.

1 Chronicles 15:3 in English

1 Chronicles 15:3 · Berean Standard Bible

And David assembled all Israel in Jerusalem to bring up the ark of the LORD to the place he had prepared for it.

Context

1Afei, Dawid sisii adan bebree wɔ Dawid kurom. Bio, ɔsiesiee baabi, sii ntomadan wɔ hɔ a ɔde Onyankopɔn Apam Adaka no bɛsi. 2Afei, ɔhyɛɛ sɛ, “Sɛ yɛma Onyankopɔn Apam Adaka no so de rekɔ a, obiara nni ho kwan sɛ ɔsoa bi agye Lewifoɔ no nko ara. Awurade ayi wɔn sɛ, wɔn nko ara na ɛsɛ sɛ wɔsoa Awurade Apam Adaka no na wɔsom wɔ nʼanim daa daa.” 3Afei, Dawid frɛɛ Israelfoɔ nyinaa kɔɔ Yerusalem sɛ wɔmfa Awurade Apam Adaka no nkɔsi baabi a wɔasiesie ama no no. 4Yeinom ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔfrɛɛ wɔn no: 5Wɔn a wɔfiri Kohat abusua mu no, na wɔn dodoɔ yɛ ɔha aduonu a Uriel yɛ wɔn ntuanoni.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.