Native Bible

1 Chronicles 15:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔn a wɔfiri Kohat abusua mu no, na wɔn dodoɔ yɛ ɔha aduonu a Uriel yɛ wɔn ntuanoni.

1 Chronicles 15:5 in English

1 Chronicles 15:5 · Berean Standard Bible

From the Kohathites, Uriel the chief and 120 of his relatives;

Context

3Afei, Dawid frɛɛ Israelfoɔ nyinaa kɔɔ Yerusalem sɛ wɔmfa Awurade Apam Adaka no nkɔsi baabi a wɔasiesie ama no no. 4Yeinom ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔfrɛɛ wɔn no: 5Wɔn a wɔfiri Kohat abusua mu no, na wɔn dodoɔ yɛ ɔha aduonu a Uriel yɛ wɔn ntuanoni. 6Wɔn a wɔfiri Merari abusua mu no, na wɔn dodoɔ yɛ ahanu aduonu (220), a Asaia da wɔn ano. 7Wɔn a wɔfiri Gersom abusua mu no, na wɔn dodoɔ yɛ ɔha ne aduasa (130), a Yoɛl da wɔn ano.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.