Native Bible

1 Chronicles 15:1 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, Dawid sisii adan bebree wɔ Dawid kurom. Bio, ɔsiesiee baabi, sii ntomadan wɔ hɔ a ɔde Onyankopɔn Apam Adaka no bɛsi.

1 Chronicles 15:1 in English

1 Chronicles 15:1 · Berean Standard Bible

David constructed buildings for himself in the City of David, and he prepared a place for the ark of God and pitched a tent for it.

Context

1Afei, Dawid sisii adan bebree wɔ Dawid kurom. Bio, ɔsiesiee baabi, sii ntomadan wɔ hɔ a ɔde Onyankopɔn Apam Adaka no bɛsi. 2Afei, ɔhyɛɛ sɛ, “Sɛ yɛma Onyankopɔn Apam Adaka no so de rekɔ a, obiara nni ho kwan sɛ ɔsoa bi agye Lewifoɔ no nko ara. Awurade ayi wɔn sɛ, wɔn nko ara na ɛsɛ sɛ wɔsoa Awurade Apam Adaka no na wɔsom wɔ nʼanim daa daa.” 3Afei, Dawid frɛɛ Israelfoɔ nyinaa kɔɔ Yerusalem sɛ wɔmfa Awurade Apam Adaka no nkɔsi baabi a wɔasiesie ama no no.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.