Native Bible

Zechariah 10:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔbɛbɔ mu ayɛ sɛ nnɔmmarima a wɔtiatia mmorɔno so atakyɛ mu wɔ ɔko mu. Esiane sɛ Awurade ka wɔn ho no enti, wɔbɛko na wɔadi apɔnkɔsotefoɔ no so.

Zechariah 10:5 in English

Zechariah 10:5 · Berean Standard Bible

They will be like mighty men in battle, trampling the enemy in the mire of the streets. They will fight because the LORD is with them, and they will put the horsemen to shame.

Context

3“Mebo afu nnwanhwɛfoɔ no yie, na mɛtwe ntuanofoɔ no aso. Na Asafo Awurade bɛhwɛ ne nnwankuo a wɔyɛ Yuda fie no, na wayɛ wɔn sɛ animuonyam pɔnkɔ wɔ ɔsa mu. 4Tweatiboɔ bɛfiri Yuda mu, na ntomadan pɛɛwa bɛfiri hɔ, ɔsa mu tadua bɛfiri Yuda mu, na sodifoɔ nyinaa nso saa ara. 5Wɔbɛbɔ mu ayɛ sɛ nnɔmmarima a wɔtiatia mmorɔno so atakyɛ mu wɔ ɔko mu. Esiane sɛ Awurade ka wɔn ho no enti, wɔbɛko na wɔadi apɔnkɔsotefoɔ no so. 6“Mɛhyɛ Yuda fie den na magye Yosef fie no nkwa. Mede wɔn bɛsi wɔn dada mu ɛfiri sɛ me yam hyehye me wɔ wɔn ho. Wɔbɛyɛ te sɛ deɛ mempoo wɔn mpo, na me ne Awurade wɔn Onyankopɔn na mɛgye wɔn so. 7Efraimfoɔ bɛyɛ sɛ nnɔmmarima, wɔn ani bɛgye te sɛ deɛ wɔanom nsã. Wɔn mma bɛhunu na wɔn ani bɛgye; wɔbɛdi ahurisi wɔ wɔn akoma mu wɔ Awurade mu.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.