Sakaria 10:3
Zechariah 10:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Mebo afu nnwanhwɛfoɔ no yie, na mɛtwe ntuanofoɔ no aso. Na Asafo Awurade bɛhwɛ ne nnwankuo a wɔyɛ Yuda fie no, na wayɛ wɔn sɛ animuonyam pɔnkɔ wɔ ɔsa mu.
Zechariah 10:3 in English
Zechariah 10:3 · Berean Standard Bible
“My anger burns against the shepherds, and I will punish the leaders.* For the LORD of Hosts attends to His flock, the house of Judah; He will make them like His royal steed in battle.
Context
1Mommisa Awurade hɔ nsuo osutɔberɛ mu;
ɛyɛ Awurade na ɔyɛ osutɔ mframa.
Ɔma osuo tɔ ma nnipa nyinaa,
ne mfudeɛ nso ma obiara. 2Ahoni no ka nnaadaasɛm,
nkɔmhyɛfoɔ nya anisoadehunu a ɛyɛ atorɔ;
wɔde nkontomposɛm kyerɛ daeɛ ase,
wɔma awerɛkyekyerɛ kwa.
Enti nnipa no nenam te sɛ nnwan
a wɔnni ɔhwɛfoɔ na wɔhyɛ wɔn so. 3“Mebo afu nnwanhwɛfoɔ no yie,
na mɛtwe ntuanofoɔ no aso.
Na Asafo Awurade bɛhwɛ
ne nnwankuo a wɔyɛ Yuda fie no,
na wayɛ wɔn sɛ animuonyam pɔnkɔ wɔ ɔsa mu. 4Tweatiboɔ bɛfiri Yuda mu,
na ntomadan pɛɛwa bɛfiri hɔ,
ɔsa mu tadua bɛfiri Yuda mu,
na sodifoɔ nyinaa nso saa ara. 5Wɔbɛbɔ mu ayɛ sɛ nnɔmmarima
a wɔtiatia mmorɔno so atakyɛ mu wɔ ɔko mu.
Esiane sɛ Awurade ka wɔn ho no enti,
wɔbɛko na wɔadi apɔnkɔsotefoɔ no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.