Native Bible

Zechariah 10:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ahoni no ka nnaadaasɛm, nkɔmhyɛfoɔ nya anisoadehunu a ɛyɛ atorɔ; wɔde nkontomposɛm kyerɛ daeɛ ase, wɔma awerɛkyekyerɛ kwa. Enti nnipa no nenam te sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ na wɔhyɛ wɔn so.

Zechariah 10:2 in English

Zechariah 10:2 · Berean Standard Bible

For idols speak deceit and diviners see illusions; they tell false dreams and offer empty comfort. Therefore the people wander like sheep, oppressed for lack of a shepherd.

Context

1Mommisa Awurade hɔ nsuo osutɔberɛ mu; ɛyɛ Awurade na ɔyɛ osutɔ mframa. Ɔma osuo tɔ ma nnipa nyinaa, ne mfudeɛ nso ma obiara. 2Ahoni no ka nnaadaasɛm, nkɔmhyɛfoɔ nya anisoadehunu a ɛyɛ atorɔ; wɔde nkontomposɛm kyerɛ daeɛ ase, wɔma awerɛkyekyerɛ kwa. Enti nnipa no nenam te sɛ nnwan a wɔnni ɔhwɛfoɔ na wɔhyɛ wɔn so. 3“Mebo afu nnwanhwɛfoɔ no yie, na mɛtwe ntuanofoɔ no aso. Na Asafo Awurade bɛhwɛ ne nnwankuo a wɔyɛ Yuda fie no, na wayɛ wɔn sɛ animuonyam pɔnkɔ wɔ ɔsa mu. 4Tweatiboɔ bɛfiri Yuda mu, na ntomadan pɛɛwa bɛfiri hɔ, ɔsa mu tadua bɛfiri Yuda mu, na sodifoɔ nyinaa nso saa ara.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.