Sakaria 10:11
Zechariah 10:11 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔbɛfa ɛpo mu ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu, nanso wɔbɛma ɛpo asorɔkye no atae dinn. Nil mu nsuo nyinaa bɛwe Asiria ahomasoɔ nso wɔbɛbrɛ no ase na Misraim ahempoma bɛtwam.
Zechariah 10:11 in English
Zechariah 10:11 · Berean Standard Bible
They will pass through the sea of distress and strike the waves of the sea; all the depths of the Nile will dry up. The pride of Assyria will be brought down, and the scepter of Egypt will depart.
Context
9Ɛwom sɛ mɛhwete wɔn mu akɔ aman so,
nanso wɔbɛkae me wɔ akyirikyiri nsase so.
Wɔne wɔn mma bɛtena nkwa mu,
na wɔbɛsane aba. 10Mede wɔn bɛfiri Misraim aba
mɛboa wɔn ano afiri Asiria.
Mede wɔn bɛba Gilead ne Lebanon,
na wɔrensene hɔ. 11Wɔbɛfa ɛpo mu ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu,
nanso wɔbɛma ɛpo asorɔkye no atae dinn.
Nil mu nsuo nyinaa bɛwe
Asiria ahomasoɔ nso wɔbɛbrɛ no ase
na Misraim ahempoma bɛtwam. 12Mɛhyɛ wɔn den wɔ Awurade mu
na ne din mu na wɔbɛnante,”
sɛdeɛ Awurade seɛ nie.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.