Native Bible

Zechariah 10:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛwom sɛ mɛhwete wɔn mu akɔ aman so, nanso wɔbɛkae me wɔ akyirikyiri nsase so. Wɔne wɔn mma bɛtena nkwa mu, na wɔbɛsane aba.

Zechariah 10:9 in English

Zechariah 10:9 · Berean Standard Bible

Though I sow them among the nations, they will remember Me in distant lands; they and their children will live and return.

Context

7Efraimfoɔ bɛyɛ sɛ nnɔmmarima, wɔn ani bɛgye te sɛ deɛ wɔanom nsã. Wɔn mma bɛhunu na wɔn ani bɛgye; wɔbɛdi ahurisi wɔ wɔn akoma mu wɔ Awurade mu. 8Meto nsa afrɛ wɔn aboaboa wɔn ano. Ampa ara megye wɔn bio; wɔbɛdɔɔso sɛ kane no. 9Ɛwom sɛ mɛhwete wɔn mu akɔ aman so, nanso wɔbɛkae me wɔ akyirikyiri nsase so. Wɔne wɔn mma bɛtena nkwa mu, na wɔbɛsane aba. 10Mede wɔn bɛfiri Misraim aba mɛboa wɔn ano afiri Asiria. Mede wɔn bɛba Gilead ne Lebanon, na wɔrensene hɔ. 11Wɔbɛfa ɛpo mu ɔhaw ne abɛbrɛsɛ mu, nanso wɔbɛma ɛpo asorɔkye no atae dinn. Nil mu nsuo nyinaa bɛwe Asiria ahomasoɔ nso wɔbɛbrɛ no ase na Misraim ahempoma bɛtwam.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.