Sakaria 10:8
Zechariah 10:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Meto nsa afrɛ wɔn aboaboa wɔn ano. Ampa ara megye wɔn bio; wɔbɛdɔɔso sɛ kane no.
Zechariah 10:8 in English
Zechariah 10:8 · Berean Standard Bible
I will whistle for them to gather, for I have redeemed them; and they will be as numerous as they once were.
Context
6“Mɛhyɛ Yuda fie den
na magye Yosef fie no nkwa.
Mede wɔn bɛsi wɔn dada mu
ɛfiri sɛ me yam hyehye me wɔ wɔn ho.
Wɔbɛyɛ te sɛ deɛ
mempoo wɔn mpo,
na me ne Awurade wɔn Onyankopɔn
na mɛgye wɔn so. 7Efraimfoɔ bɛyɛ sɛ nnɔmmarima,
wɔn ani bɛgye te sɛ deɛ wɔanom nsã.
Wɔn mma bɛhunu na wɔn ani bɛgye;
wɔbɛdi ahurisi wɔ wɔn akoma mu wɔ Awurade mu. 8Meto nsa afrɛ wɔn
aboaboa wɔn ano.
Ampa ara megye wɔn bio;
wɔbɛdɔɔso sɛ kane no. 9Ɛwom sɛ mɛhwete wɔn mu akɔ aman so,
nanso wɔbɛkae me wɔ akyirikyiri nsase so.
Wɔne wɔn mma bɛtena nkwa mu,
na wɔbɛsane aba. 10Mede wɔn bɛfiri Misraim aba
mɛboa wɔn ano afiri Asiria.
Mede wɔn bɛba Gilead ne Lebanon,
na wɔrensene hɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.