Native Bible

Titus 1:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Kae mmara a mehyɛ maa wo no. Ɔpanin yɛ obi a ne ho nni asɛm na ɔwɔ yere baako na ne mma yɛ agyidifoɔ a wɔmmɔ ahohwi bra, na wɔnyɛ asoɔden nso.

Titus 1:6 in English

Titus 1:6 · Berean Standard Bible

An elder must be blameless, the husband of but one wife,* having children who are believers and who are not open to accusation of indiscretion or insubordination.

Context

4Meretwerɛ akɔma me ba Tito afa gyidie baako a yɛn nyinaa kura mu no ho: Adom ne asomdwoeɛ a ɛfiri Agya Onyankopɔn ne Kristo Yesu, yɛn Agyenkwa no nka wo! 5Megyaa wo Kreta sɛdeɛ ɛbɛyɛ a wobɛtoto nneɛma a aka no pɛpɛɛpɛ na wayi mpanimfoɔ atuatua asafo a ɛwɔ kuro biara mu no ano. 6Kae mmara a mehyɛ maa wo no. Ɔpanin yɛ obi a ne ho nni asɛm na ɔwɔ yere baako na ne mma yɛ agyidifoɔ a wɔmmɔ ahohwi bra, na wɔnyɛ asoɔden nso. 7Ɛnsɛ sɛ mfomsoɔ biara ba ɔpanin no ho ɛfiri sɛ, Onyame adwuma hyɛ ne nsa. Ɛnsɛ sɛ ɔyɛ ahomasoɔ, anaa obi a ne bo nkyɛre fu anaa ɔkɔwensani anaa basabasayɛfoɔ anaa sikanibereɛfoɔ. 8Ɛsɛ sɛ ɔyɛ obi a ɔpɛ ahɔhoyɛ na nʼani gye deɛ ɛyɛ ho na nʼadwenem da hɔ na ɔtene na ɔyɛ kronn na ɔwɔ ahohyɛsoɔ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.